Papa Owusu Ankomah

Fi Wikipedia

Papa Owusu-Ankomah (wɔwoo no 27 Ayɛwohomumɔ 1958) yɛ Ghana mmaranimfo na amammuifo.  Ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni a ɔhyehyɛɛ. Ɔyɛɛ Mmarahyɛ Bagua no muni maa Sekondi mansin no firi afe 1996 kɔsi afe 2016. Wɔ June 2017 mu no, wɔpaw Papa Owusu-Ankomah dɛ Ghana Ɔmanpanyin wɔ UK na Ireland. Na dwumadze akwantuo no baa awieeɛ wɔ 30 Ɔbɛnem 2020.  Wɔafrɛ no Ghana amammuisɛm mu Komm Dynamo.  Ohyiaa Ɔhemmaa Elizabeth II ber a na ɔdze na Letters of Credence rema wɔ Buckingham Ahemfie wɔ London no.

Nabofraase Na Nabofrabremu

Wɔwoo Owusu-Ankomah wɔ Ghana wɔ 27 April 1958 mu wɔ abusua bi a wɔyɛ nnwuma wɔ aguadidan na adan na afie ho adwumayɛ mu wɔ Atɔe Fam Mantam no mu.  Na papa, Yaw Owusu-Ankomah, fi Atibie wɔ Kwahu Mantam mu wɔ Apuei Fam Mantam no mu, ber a na maame, Araba Owomoye Owusu-Ankomah, fi Dixcove wɔ Atɔe Fam Mantam no mu.

Nwomasua

Owusu-Ankomah fii na nhomasua ase wɔ mfitiase sukul ahoro mu wɔ Takoradi, na ofi mu kɔɔ Mfantsipim Sukul mu kɔyɛɛ na ntoaso sukul.  Wɔ Mfantsipim Sukul mu no, onyaa West African Examination Council’s Advanced Level Examination adansedi krataa no de kɔ Sukuupɔn mu.

Wɔ Ghana Suapɔn mu, Legon osuaa mmara ho ade maa na bachelor’s degree.  Ɔwiee sukul no nyaa LL.B (Hons) 2nd Class Upper Division wɔ afe 1979 mu kɔɔ Ghana School of Law, faako a ɔwie n’adwumayɛ ho adesua wɔ Mmara mu wɔ afe 1981. Wɔfrɛɛ no ​​kɔɔ Ghana Bar saa afe no ara mu.

Adwuma

Owusu-Ankomah yɛ mmaranimfo wɔ n’adwuma mu.  Ɔyɛɛ Ghana Mmaranimfoɔ Panyin firi afe 2003 kɔsi afe 2005. Ansa na ɔrehyɛn amammuisɛm mu no, na ɔyɛ ɔhokafoɔ a ɔhwɛ adwuma do wɔ Owusu-Ankomah, Amanquah & Co.

Party Artivism A Wɔde Dze Dwuma

Owusu-Ankomah yɛ obi a ɔhyehyɛɛ, na ber bi na ɔsom dɛ oguamtrani, wɔ Atɔe Fam Ɔmantam baa dwumadzebea a ɔwɔ New Patriotic Party (NPP) no mu, na ɔsan nso yɛ Danquah-Busia Kuw no a ɔhyehyɛɛ kuw no muni na Atɔe Fam Ɔmantam Ɔsatu kuw no muni  wɔ afe 1992 na 1996. Na ɔyɛ NPP no Camp Board no Publicity Committee no muni wɔ afe 2000 abatoɔ no ho, na ɛfiri October 2001 kɔsi March 2003 no na ɔyɛ Nkitahodi Boayikuo no Titenani na Ɔman Akwankyerɛ Kuo no muni - a  de Nsakrae Pa asɛmti no bae.  Ɔyɛ NPP Ɔman Adwumayɛkuo no muni na ɔyɛ NPP Ɔman Badwa no muni firi afe 1997. Wɔ afe 2006 mu no, na ɔyɛ ɔman no Ɔsatuo Boayikuo a ɛwɔ ɔman no mu no muni.

Owusu-Ankomah nyaa abatoɔ 28,802 wɔ abatoɔ 44,507 a ɛfata a wɔtowee a ɛgyina hɔ ma 53.80% wɔ n’asɔretiafoɔ Albert Bosomtwi-Sam a ɔyɛ NDC muni a ɔtoo aba 14,990 na Anthony Ackah a ɔyɛ PNC muni a ɔtoo aba 715 wɔ 1996 Ghana Amansan Abatoɔ no mu.

Wɔ afe 2000 Abatoɔ no mu no, ɔtoo abatoɔ 28,434 a ɔgyina hɔ ma 67.60% sene n’asɔretiafo Anthony Richard Cudjoe a ɔyɛ NDC muni a ɔtoo aba 11,661 a ɔgyina hɔ ma 27.70%, Charles Van Dyck a ɔyɛ CPP muni a ɔtoo aba 1,223 a egyina hɔ ma 2.90% ne Abu Seidu a ɔyɛ PNC muni a ɔtoo aba 759  abatow a ɔgyina hɔ ma 1.80%.

Ɔdze nkonim wɔ afe 2004 Amansan abatuw no mu dze abatuw 17,433 wɔ abatuw 26,307 a ɔfata a wɔtoo no mu a ɛgyina hɔ ma 66.30% wɔ n’asɔretiafo Betty Busumtwi-Dam a ɔyɛ NDC muni a ɔtoo aba 8,086, Omar Ahmed Bekure a ɔyɛ PNC muni a ɔtoo aba 444 na Joe Victor Eghan a ɔyɛ CPP  ɔmannifo a ɔtoo aba 344.

Ɔdze nkonim bio wɔ afe 2008 mu de abatuwa 13,005 a ɛfiri abatuw a ɔfata a wɔtoe no mu a ɔgyina hɔ ma 55.41% wɔ n’asɔretiafo Betty Busumtwi-Sam a ɔtoo aba 9,578, Awuraa Hildergard Krakue a ɔtoo aba 727, Frederick Akor Larbi a ɔtoo aba 88 na Oliver Peter Vanderpuye-Orgle a  wɔtoo aba 72.

Owusu-Ankomah ayɛ Western Region NPP no muni fi ber a wɔhyehyɛɛ no, ɔna wɔn a wɔhyehyɛɛ kuw no mufo yɛɛ adwuma, a ɔbinom ka ho na Owura Stephen Krakue a wawu no, de hyehyɛɛ amammui kuw bi a wɔdze besi akan wɔ National Democratic Congress no mu.  Wɔ afe 1996 mu no, odze nkonim wɔ Sekondi mantam no mu wɔ NPP tekiti do na ber a na ɔwɔ ɔsɔretia no mu no, ɔyɛɛ sunsuma soafo a ɔhwɛ Amanneɛbɔ do.

Narahyɛ Bagua Adwuma

Ber a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dze nkonim wɔ afe 2000 Ghana Amansan Abatuw no mu no, wɔpaw Owusu-Ankomah dɛ Abadiakyiri dɛ Abadiakyir no kannifo na akyir yi wɔpaw no dɛ dodow no ara kannifo wɔ mmarahyɛ bagua no mu.

Ber a na ɔwɔ mmarahyɛ bagua no mu no, ɔsom wɔ boayikuw ahorow bi mu, a ɔmu bi na Daa Boayikuw a Ɔhwɛ Mmara nketewa do, Boayikuw a Wɔapaw a Ɔhwɛ Amannɔne Nsɛm do, Sikasɛm Boayikuw na Boayikuw a ɔhwɛ Amansan Mmara, Mmara na Mmarahyɛ Bagua Nsɛm do.

Ber a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dZen nkonim wɔ afe 2000 Ghana Amansan Abatow no mu no, wɔpaw Owusu-Ankomah dɛ Abadiakyiri dɛ Abadiakyir no kannifo na akyiri yi wɔpaw no dɛ dodow no ara kannifo wɔ mmarahyɛ bagua no mu.

Ber a na ɔwɔ mmarahyɛ bagua no mu no, ɔsom wɔ boayikuw ahorow bi mu, a ɔmu bi na Daa Boayikuw a ɔhwɛ Mmara nketewa do, Boayikuw a Wɔapaw a ɔhwɛ Amannɔne Nsɛm do, Sikasɛm Boayikuw na Boayikuw a ɔhwɛ Amansan Mmara, Mmara na Mmarahyɛ Bagua Nsɛm do.

Aban Osuahu

Wɔ Aban no mu no, Owusu-Ankomah adze adwumayɛfo a wɔaka abom anim wɔ Atɛntenenee, Mmabun na Agumadi Dwumadibea, Mmarahyɛ Bagua Nsɛm, Mfinimfini;  Nhomasua, Nyansahu na Agumadi, na Aguadi, Nnwuma, Ankorankoro Nnwuma Nkɔso na Ɔmampanyin Nnwuma Titiriw Dwumadibea.  Wɔ na dzebea dɛ Nhomasua, Nyansahu na Agumadi Minista no, Ghana Black Stars yɛɛ wɔn abakɔsɛm mmirikatu kɔɔ round of dunum wɔ Wiase Kupɔn no mu wɔ afe 2006. Ɔno nso na ɔhwɛɛ mfitiase nhomasua mu nsakrae so wɔ Ghana.  Ɔgyaee adwuma no wɔ afe 2007 mu sɛ ɔrekɔsi akan wɔ n’apam New Patriotic Party no frankaa ho.  Na mmɔdenbɔ no ankosi hwee ɔfisɛ odze akuw no mu akansifo afofor anim a ɔto do asia.  Ɔmampanyin a na ɔwɔ hɔ saa ber no, John Agyekum Kufour, na ɔpaw no dɛ Ɔmampanyin a ɔhwɛ Aguadi nnwuma, Ankorankoro Nnwuma na Ɔmampanyin Nnwuma Titiriw do.  Ɔyɛɛ MP maa Sekondi bɛbor mfeɛ aduonu.

Ankorankoro Asetra

Owusu-Ankomah aware na Augustina Owusu-Ankomah.  Awarefo yi wɔ mma mmiɛnsa.

Owusu-Ankomah nyaa COVID-19 wɔ 10 April 2020 na wɔdze no kɔɔ Intensive Care Unit a ɔwɔ Royal Free Hospital wɔ London.  Akyiri yi na ho tɔɔ no.