Kwabena Adusa Okerchiri

Fi Wikipedia

Kwabena Adusa Okerchiri yɛ Ghana ɔmanyɛfo na ɔyɛ mmarahyɛ baguani a ogyinaNew Patriotic Party ananmu ma Nkawkaw mansin a ɔwɔ Ghana Apuei fam mantam mu.  Ɔdze n’ahennie wɔ mmarahyɛ bagua mmiɛnsa a ɔtoatoa do mu firi deɛ ɔtɔ do mmienu kɔsii mmarahyɛ bagua a ɔtɔ do aanan wɔ Ghana man a ɔtɔ do aanan no mu firi afe 1996 kɔsi afe 2004. Afei Seth Adjei Baah faa no.

Mfiase Asetra Na Nhomasua

Kwabena Adusa kɔɔ Ghana Sukuupɔn mu.  Wɔwoo no afe 1960 mu na ofi Apuei Fam mantam mu.

Edwumayɛ

Kwabena Adusa Okerchiri yɛ mmaranimfo wɔ n’adwuma mu.

Amanyɔsɛm

Adusa dze nkan paw no wɔ December 1996 Ghana amansan abatuw no mu wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuo Foforo no tekiti do maa Nkwakwa Mantam a ɔwɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu.  Ɔtoo abatuw 18,279 wɔ abatuw 34,086 a ɔfata a wɔtowee a ɔgyina hɔ ma 41.40% wɔ n’asɔretiafo William Bimpong Asante a ɔyɛ NDC muni, Ebenezer Kese Antwi a ɔyɛ CPP muni, El-Abdul-Hameed Sachibu a ɔyɛ PNC muni na Kofi Frimpong a ɔyɛ DPP muni a ɔtoo aba 11,460  , abatoɔ 4,634, abatuw 459 na abatuw 254.

Ɔdze Nhonim Wɔ Marahyɛ Bagua No Mu mprɛnsa a ɔtoetoe do firi afe 1996 abatuw no kɔsi afe 2008 Ghana amansan abatuw no.  Ɔhweree saa nkongua yi maa Seth Adjei Baah a ogyinaa Independent kuw no ananmu wɔ Nkaww mantam mu wɔ afe 2008 Ghana amansan abatuw no mu. Adjei Baah de abatuw19,757 dze nkonim wɔ abatuw no mu de dze Kwabena Adusa Okerchiri a ɔnyaa abatuw 14,376 no do nkonim.  Wɔ afe 2004 mu no, Kwabena Adusa dze nkonim wɔ abatoɔ no mu denam abatuw a wɔkan no nyinaa yɛ 23,706 wɔ ɔha mu nkyekyɛmu 58.2% mu. Wɔ afe 2000 mu no, Kwabena Adusa dze nkonim wɔ Nkawkaw mansin mmarahyɛ bagua no mu de abatuw 20,481 a ɔna abatuwa ɔfata a wɔtowee nyinaa mu 64.90% yɛ pɛ.  Ɔde abatuw a wɔtowee nyinaa mu bɛbor fa trɛw wɔn a wɔsɔr tia no no mu.  Owura Okerchiri dze nkonim wɔNew Patriotic Party no tekiti do.William Kwasi Agyare a ofi National Democratic Congress no nyaa abatuw 8,574 a ɔna27.20% toto ho.  Afofor a wɔpɛ dɛ wɔyɛ mmarahyɛ bagua no;  Ebenezer Kese Antwi a ofi Nhyiam no Nnipa Kuw no mu, Eugene Osei Boakye a ofi Ɔman Nsakrae Kuw no mu, na Tatiga Samson Basuri a ɔwɔ Ɔman Nhyiam no mu no nyaa 5.40%, 1.40% na 1.00%.  Saa ɔha biara mu nkyekyem ahorow yi na abatuw 1,716, 456 na 314 yɛ pɛ.