Hackman Ouwusu Agyeman

Fi Wikipedia

Hackman Owusu-Agyemang (wɔwoo no Ɔbɛnem 22, 1941) yɛ Ghana ɔmanyɛfo ne kan Mmarahyɛ Bagua no muni ma New Juabeng North mansin a ɔwɔ Ghana apuei fam mantam mu.  Ɔyɛ Ghana man a ɔtɔ do 4 no mmarahyɛ bagua a ɔtɔ do mmiɛnsa no muni na ɔyɛ Nsuo, Adwumayɛ na Adan ho Ɔsoafo na kan amannɔne nsɛm ho ɔsoafo nso. Mprempren ɔyɛNew Patriotic Party no Mpanyimfo Bagua no Titenani na Ghana Cocoa Board no bagua no guamtrani.

Nabofraase Na Nabofraberemu[sesa mu | sesa ekyirsɛm]

Wɔwoo Hackman Owusu-Agyemang wɔ 22 Ɔbɛnem 1941 wɔ Effiduase- Koforidua wɔ Ghana Apuei Fam Mantam mu.  Ɔnyaa ntoaso sukul adesua a ɔkorɔn wɔ St. Augustine’s College (Cape Coast).  Wɔ afe 1961 ne 1965 ntam no, ɔkɔɔ Kwame Nkrumah Nyansahu na Mfiridwuma Sukuupɔn mu, na onyaa Bachelor of Science abodin krataa wɔ Kuadwuma mu.  Afei osuaa adze wɔ Institute of Social Studies, The Hague, Netherlands, faako a onyaa Post Graduate Certificate wɔ Kuadwuma Ho Nhyehyɛe mu.  Afei ɔkɔɔ akyir kɔɔ Wye College wɔ London Sukuupɔn mu wɔ United Kingdom, faako a onyaa Master’s degree wɔ Kuadwuma mu wɔ 1969 mu.

Nadwuma[sesa mu | sesa ekyirsɛm]

Agyemang yɛ kuayɛ ho nimdefo.  Wɔ afe 1965 mu no, ofi ase yɛɛ adwuma dɛ Kuadwuma ho Sikasɛm ho Ɔbenfo wɔ Ghana Kuadwuma Dwumadzebea.  Wɔ 1970 mu no, otu kɔɔ Aduan na Kuadwuma Ahyehyɛdze (FAO) a ɔwɔ Rome, Italy no mu.  Ɔyɛɛ adwuma wɔ nnwuma ahodo mu dɛ Sikasɛm ho nimdefo wɔ Sikasɛm mu Nhwehwɛmu Dwumadzebea, Field Programme Officer na afei dɛ FAO-Regional Co- operation, na Liaison Officer a ɔhwɛ Afrika do.  Wɔ 1979 akyi no, ɔbɛyɛɛ FAO ananmusifo wɔ Zambia na afei Trinidad na Tobago.  Ɔbɛyɛɛ Ɔmantam Dwumadzebea Panyin a ɔhwɛ Afrika do wɔ 1984 mu.

Amammuisɛm[sesa mu | sesa ekyirsɛm]

Owusu-Agyemang yɛ ɔman ho dɔfo kuo foforɔ no amammuifo na ɔbɛyɛɛ Mmarahyɛ Bagua no muni wɔ New Juabeng North mansin no mu berɛ a ɔdze akan wɔ 1996 Ghana mmarahyɛ bagua abato a ɔdze nkonim wɔ 11,629 a ɛmaa abato a ɔfata a wɔtowee nyinaa mu 52.60%.  Ɔkuraa nkongua no mu wɔ afe 2000 Ghana amansan abato no mu denam nkonim a ɔdze nkonim wɔ 73% a ɔna abato a ɔfata nyinaa mu 4,499 yɛ pɛ.  Ɔsan kuraa n’akongua mu bio wɔ afe 2004 Ghana amansan abato no mu a ɔnyaa abato nyinaa mu 71.30%. Ber a NPP dzi nkonim wɔ December 2000 abatuw no mu akyi no, wɔpaw no dɛ Amannɔne Nsɛm Ho Ɔsoafo fi January 2001 kosi April 2003. Afei ɔbɛyɛɛ Ɔman no mu Ɔsoafo mfe abien.  Ɔfi afe 2005 kosi afe 2007 no, na ɔyɛ Ɔmanpanyin a ɔhwɛ Nsu Ho Nneɛma, Adwumayɛ na Adan do wɔ Kufuor aban no mu. Wɔ afe 2017 mu no, Ɔmampanyin Nana Akufo-Addo paw no dɛ Ghana Cocoa Board no Titenani.

Abatuw Ahorow[sesa mu | sesa ekyirsɛm]

Hackman adi nkonim wɔ mmarahyɛ bagua no muni a ɔyɛ New Juabeng North mantam no mu mprɛnsa a ɔtoatoa do.  Wɔ afe 2000 Ghana amansan abato no mu no, wɔpaw no sene Samuel Mcneil Nimo a ɔyɛ National Democratic Congress no.  Afoforo a wɔsɔre tiae no bi na Joseph Obeng a ofi Ɔman Nsakrae Kuw no mu, Samuel Effah Krofah a ofi Ɔmanfo Ɔman Nhyiam no mu na Yaw Oti-Dankese a ofi Nhyiam no Nnipa Kuw no mu.  Ɔtoo aba 14,499 wɔ abatow a ɔfata a wɔtowee nyinaa mu.  Ɔyi na 73.00% yɛ pɛ.  Owura Nimo nyaa 4,286, Joseph nyaa 621,Effah Krofah nyaa 272 na Oti-Dankese nyaa 178. Saa abatoɔ yi na 21.60%, 3.10%,1.40% na 0.90% yɛ pɛ.

Adosobɔdze Ahorow[sesa mu | sesa ekyirsɛm]

2020 Ghana Cocoa Awards: Akannifoɔ a wɔyɛ papa wɔ Nkyerɛaseɛ Nhyehyɛeɛ ho.