Gifty Twum Ampofo

Fi Wikipedia

Gifty Twum-Ampofo (wɔwoo no June 11, 1967) yɛ Ghana amammuifoɔ na ɔyɛNew Patriotic Party no Mmarahyɛ Bagua no muni. Mprempren ɔyɛ Mmarahyɛ Bagua no muni ma Abuakwa Atifi mantam a ɛwɔ Ghana Apuei Fam Mantam mu. Ampofo yɛ ɔmanpanyin abadiakyiri a ɔhwɛ Bɔbeasu, Mmofra ne Asetra mu Ahobammɔ so wɔ Ghana.[1][2][3][4][5]

Hon

Gifty Twum-Ampofo

MP

MP for Abuakwa North Ɔmampanyin Nana Addo Dankwa Akufo-Addo

Ankorankoro ho nsɛm

Wɔwoo no 11 June 1967 (mfe 55) Kukurantumi

Ɔman:Ghana

Amanyɔkuw:Amanyɔkuw Kuw fofor

Sukuu: University of Cape Coast, University of Ghana

Edwuma:Edwuma Ɔkyerɛkyerɛfo , Edwuma Amansɛmdifo Boayikuw Ɔmanfo Akontaabu Boayikuw; Amannɔne Nsɛm Boayikuw Mfitiase asetsena ne nwomasua Wɔwoo Gifty Twum-Ampofo wɔ June 11, 1967, wɔ Kukurantumi wɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu. Ná ɔwɔ ne BSc. wɔ Abɔde a Nkwa Wom Ho Adesua mu wɔ Cape Coast Sukuupɔn mu wɔ afe 1997 mu.[6] Ɔsan nyaa ne MBA wɔ Strategic Management mu wɔ afe 2018 mu.[7] Ɔsan nso nyaa ne BSc wɔ Ghana Suapɔn mu.[8]

Edwuma

Ampofo yɛ Nyansahu kyerɛkyerɛfoɔ wɔ Akosombo Amanaman Ntam Sukuu mu ansa na ɔrebɛyɛ Mmarahyɛ Bagua no muni.[9] Na ɔsan yɛ Nyansahu Dwumadibea Panyin ne Sɔhwɛ Panyin wɔ Volta Asubɔnten Aban no mu.[7] Mprempren ɔyɛ Ɔmanpanyin Abadiakyiri a ɔhwɛ Nhomasua so a ɔhwɛ Mfiridwuma ne Adwumayɛ Nhomasua Ntetee so.[5][10]

Amanyɔsɛm

Wɔ Oforisuo 2016 mu no, ɔsii akan na ɔdii nkonim wɔ NPP mmarahyɛ bagua primaries mu maa Abuakwa North Constituency wɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu wɔ Joseph Boakye Danquah-Adu wuo akyi.[11][12] Akyiri yi odii nkonim wɔ Abuakwa North Constituency by-elections no mu a na abatow 10,033 na ɛyɛɛ abatow a wɔtow no nyinaa mu 89.60% bere a Ghana Freedom Party mmarahyɛ baguani Samuel Frimpong nyaa abatow 263 a ɛyɛɛ abatow nyinaa mu 2.35% na United People’s Party mmarahyɛ bagua kandifo Isaac Kwarteng nyaa abatow no nyinaa 901 na wɔtow aba a ɛyɛ 8.05% wɔ abatow a wɔtow nyinaa mu.[13]

2016 abatow

Wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔdii nkonim wɔ Abuakwa North Constituency mmarahyɛ bagua no mu a ɔnyaa abatoɔ 17,838 a ɛyɛɛ 59.23% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a NDC mmarahyɛ bagua mu kandifoɔ Victor Emmanuel Smith nyaa abatoɔ 11,754 a ɛyɛɛ 39.03% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu na ɔyɛ Independent kandifoɔ Adjei Danquah Patrick nyaa abatoɔ 524 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 1.74%.[14]

2020 abatow

Wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔsan dii nkonim wɔ Abuakwa North Constituency mmarahyɛ bagua no mu a ɔnyaa abatoɔ 17,653 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu 53.2% berɛ a NDC mmarahyɛ bagua mu kandifoɔ Charles Yeboah Darko nyaa abatoɔ 15,551 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu 46.8%. [16] .

Boayikuw ahorow

Ɔyɛ Ɔmanfoɔ Akontaabuo Boayikuo no muni na ɔsan yɛ Amannɔne Nsɛm Boayikuo no muni.[7]

Ankorankoro asetra

Ɔyɛ okunafo a ɔwɔ mma baasa. Ɔyɛ Kristoni na ɔsom sɛ Methodist.[17]

Adɔyɛ

Wɔ December 2022 mu no, ɔde nnuan maa nnipa bɛboro 35,000 wɔ ne mansin mu.[18]

Nsɛm a wɔde gyinaa so

• ^ "Deputy Ministers". Government of Ghana. Archived from the original on 24 September 2019. Retrieved 2 August 2017.

• ^ "List of Akufo-Addo's 50 deputy ministers and four news ministers". Yen Ghana. 15 March 2017. Retrieved 2 August 2017.

• ^ "Akufo-Addo names 50 deputies, 4 ministers of state". Cifi FM Online. 15 March 2017. Retrieved 2 August 2017.

• ^ "Akufo-Addo picks deputy ministers". Ghana Web. 20 February 2017. Retrieved 2 August 2017.

• ^ Jump up to:a b "Deputy Education Minister Supports Constituents". DailyGuide Network. 2020-07-19. Retrieved 2020-07-19.

• ^ "Twum-Ampofo, Gifty". Ghana MPS. Retrieved 2023-01-20.

• ^ Jump up to:a b c "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2023-01-20.

• ^ vieta, Kojo (2017). Know your MPs in the 7th Parliament. Accra: Flagbearers. p. 103. ISBN 9789988252281.

• ^ "myjoyonline.com". www.parliament.gh. Archived from the original on 2017-11-26. Retrieved 2019-03-02.

• ^ "cotvet_admin – COTVET". Retrieved 2020-12-08.

• ^ "Science teacher Gifty Twum Ampofo wins Abuakwa North NPP primaries - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com. 2016-03-01. Retrieved 2023-01-20.

• ^ Afful, Henrietta. "Female teacher wins NPP Abuakwa North primary". www.gbcghana.com. Retrieved 2023-01-20.

• ^ Boateng, Kojo Akoto (2016-03-29). "NPP secures resounding victory in Abuakwa North by-election". Citi 97.3 FM - Relevant Radio. Always. Retrieved 2023-01-20.