Francis Osafo Mensah

Fi Wikipedia

Francis Osafo Mensah yɛ Ghana ɔmanyɛfo na na ɔyɛ mmarahyɛ baguani ma Mpraeso mantam a ɔwɔ Ghana Apuei Fam Mantam mu. Ɔsan nso yɛ kan ɔmantam soafo wɔ ɔmantam a wɔaka ho asɛm no mu na ɔyɛ Ghana man a ɔtɔ do nnan no mmarahyɛ bagua a ɔtɔ do nnan no muni.

Mfraase asetra na nwomasua[sesa mu | sesa ekyirsɛm]

Wɔwoo no afe 1936 mu wɔ abusua a wɔyɛ anuonyam bi mu wɔ Apuei Fam mantam mu. Ɔnyaa na bachelor's degree wɔ Durham Suapɔn a ɔwɔ United Kingdom na ɔsan nso yɛɛ Aduruyɛ na Oprehyɛn ho adesua titire.

Edwumayɛ[sesa mu | sesa ekyirsɛm]

Osafo-Mensah yɛ oduruyɛfo a ɔyɛ oprehyɛn wɔ n’adwuma mu. Ɔsan nso yɛ oduruyɛfo.

Amanyɛsɛm[sesa mu | sesa ekyirsɛm]

Mensah amammui adwuma no fi ase wɔ afe 1996 mu ber a ɔdze na ho sii akan dɛ mmarahyɛ baguani wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Fofor no tekiti so dɛ Mpraedo mantam no ananmusifo. Ɔdze nkonim wɔ saa nkongua yi do a na nyinaa nyaa abatuw 14,906 a ɔyɛ 41% wɔ abatuw a wɔtoo saa afe no nyinaa mu. Ɔkoraa n’akongua do wɔ afe 2000 amansan abatuw no mu a na nyinaa yɛ 13,080 a ɔmaa abatuw a wɔtuw nyinaa mu 54%.  Ná na akansifo no wɔ tekiti a ɔwɔ;  Ɔman Democratic Congress (NDC), Nnipa Ɔman Nhyiam (PNC), Ɔman Nsakrae Kuw (NRP) na United Ghana Kuw (UGM).

Afa horow no ananmusifo na Mike K.S.  Akyeampong, Asiamah Godfried Nyarko,Kwabena Adjei na Aninakwa Samuel Kyeramanteng na wɔdze wɔn ho hyɛɛ mu.  NDC no nyaa abatuw a ɔyɛ 10,318 a ɔna 42.90% yɛ pɛ.  PNC nyaa abatuw 265 a ɔna 1.10% yɛ pɛ, NRP nyaa abatuw 261 a ɔno nso na 1.10% yɛ pɛ na UGM nyaa abatoɔ 113 a ɔyɛ 0.50% wɔ abatuw a wɔtuw no nyinaa mu.  Mensah kuraa n’akongua no mu na mprɛnsa do wɔ New Patriotic kuw no tekiti do wɔ afe 2004 amansan abatuw no mu a ɔtoo aba nyinaa mu 67.4%.  Na mmarahyɛ bagua ber no baa awiei wɔ afe 2009 mu.

N'abrabɔ[sesa mu | sesa ekyirsɛm]

Francis Osafo-Mensah yɛ Kristoni.