Barbara Asher Ayisi

Fi Wikipedia

Barbara Ayisi Asher (wɔwoo no 12 Ɔpɛpɔn 1976) yɛ Ghana amammuifoɔ na kan no na ɔyɛ Mmarahyɛ Bagua no muni wɔ Cape Coast North mantam mu wɔ Central Region of Ghana. ƆyɛNew Patriotic Party no muni na na ɔyɛ ɔmanpanyin abadiakyiri a ɔhwɛ Nhomasua so wɔ Ghana.[1][2][3][4][5] Wɔpaw no sɛ oguamtrani maa Mmea Premier League Super Cup no Mpɔtam Hɔ Nhyehyɛe Boayikuw (LOC).[6]

Hon

Barbara Asher Ayisi

Mmarahyɛ Bagua no muni a ɔhwɛ Cape Coast North mantam so Wɔ n’adwuma mu 7 Ɔbɛnem 2017 – 6 Ɔbɛnem 2021

Wɔdii n’ade Kwamena Minta Nyarku Ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ Nhomasua so Wɔ n’adwuma mu Oforisuo 2017 – 6 Ɔbɛnem 2021Ɔmampanyin Nana Akufo-Addo

Ankorankoro ho nsɛm

Wɔwoo no 12 Ɔpɛpɔn 1976 (mfe 46) Effutu, Ghana

Amammbu Kuw:New Patriotic Party.

Mbofra :2

)Creside Patriotic Party , Cape Coast

Sukuu:University of Cape Coast

Edwuma:Amanyɔfo edwuma Nkyerɛkyerɛ ho ɔbenfo.

Mfitiase asetra ne nhomasua

Wɔwoo Ayisi Asher wɔ 12 Ɔpɛpɔn 1976 wɔ Efutu, Central Region. Ɔyɛ Our Lady of Apostles (OLA) Nhomasua Kɔlege ne Nhomasua Sukuupɔn, Winneba alumna. Ɔwɔ Borɔfo nhoma mu abodin krataa a ɛkorɔn wɔ Cape Coast Sukuupɔn mu.[7][8]

Edwuma ho abakɔsɛm

Ansa na wɔrepaw no sɛ mmarahyɛ baguani no, ɔyɛɛ adwuma sɛ Form Mistress wɔ afe 2003 ne 2006 ntam wɔ Ghana Education Service (GES) na ɔsan nso yɛɛ House Mistress fi afe 2010 kɔsi afe 2016 wɔ Wesley Girls High School..[9]

Amanyɔsɛm

Ɔyɛ Nhomasua soafo Abadiakyiri a ɔhwɛ mfitiase sukuu ahorow so. Ɔwɔ fapem bi a wɔfrɛ no Barbra Asher Foundation a ɛtwe adwene si adwuma a wonnya nyɛ so tew wɔ mmerante ne mmabaa mu wɔ ne mantam mu. Barbra Asher Foundation a wɔne Cape coast Technical University’s Entrepreneurship Development and Innovation ayɛ adwuma abom atete mmabun bɛboro 200 a wɔwɔ Cape Coast mantam no mu wɔ adwumayɛ ho nimdeɛ mu.[10]

Ankorankoro asetra

Ɔyɛ Kristoni na ɔkɔ Victory Bible Church International. Ɔwaree na ɔwɔ mma baanu.[11]

Nsɛm a wɔde gyinaa so

• ^ "Deputy Ministers". Government of Ghana. Retrieved 2 August 2017.

• ^ "Akufo-Addo releases names of 50 deputy and 4 more ministerial nominees". Graphic Ghana. 15 March 2017. Retrieved 2 August 2017.

• ^ "List of Akufo-Addo's 50 deputy ministers and four news ministers". Yen Ghana. 15 March 2017. Retrieved 2 August 2017.

• ^ "Akufo-Addo names 50 deputies, 4 ministers of state". Cifi FM Online. 15 March 2017. Retrieved 2 August 2017.

• ^ "Akufo-Addo picks deputy ministers". Ghana Web. 20 February 2017. Retrieved 2 August 2017.

• ^ "Barbara Ayisi chairs Women's Super Cup LOC - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com. Retrieved 30 March 2021.

• ^ "Ghana MPs – MP Details – Ayisi, Barbara Asher". ghanamps. Retrieved 4 November 2018.

• ^ Ghana, ICT Dept. Office of Parliament. "Parliament of Ghana". parliament. Retrieved 4 November 2018.

• ^ "Parliament of Ghana".

• ^ "C/R: Barbara Asher Foundation Trains 200 Youth In Entrepreneurial Skills". Modern Ghana. 11 June 2018. Retrieved 9 March 2019.

• ^ "Ghana MPs – MP Details – Ayisi, Barbara Asher". ghanamps. Retrieved 9 March 2019.