Jane E. Clerk

Fi Wikipedia

Jane Elizabeth Clerk (26 May 1904 – 5 July 1999) yɛ Gold Coast sukul kyerɛkyerɛfo na ɔmanfo nwomasua sohwɛfo .  Wɔ atubrafo ber no mu no, na ɔka awo ntoatoado a ɔdze nkan a wɔyɛ akwampaefo mmea akyerɛkyerɛfo a awiei koraa no wɔbɛyɛɛ aban sukul akɛse mpanyimfo no ho.  Saa ber no mu no, na Jane Clerk yɛ Aban Mmabaa Mfinimfini Sukul a ɔwɔ Kumasi no Sukul Panyin.

Asetra Mu Nsɛm

Mfitiase asetra na nabusua

Nsɛm foforo: Ɔkyerɛwfo abusua

Wɔwoo Jane Elizabeth Clerk wɔ Adawso wɔ Apuei Fam Mantam mu wɔ 26 May 1904 maa Nicholas Timothy Clerk (1862 –1961) na Anna Alice Meyer (1873 –1934). Mmofra nkron no mu nea ɔto do nson, Jane Clerk yɛ awo ntoatoado a ɔto do abiɛsa wɔ abakɔsɛm mu Clerk abusua a ɔda nsow wɔ Accra no mu. Na ni papa yɛ Basel ɔsɛmpatrɛwfo, na ɔyɛ Synod Ɔkyerɛwfo a odze nkan wɔ Presbyterian Asɔre a cwɔ Gold Coast no mu fi 1918 kosi 1932 na ɔyɛ agya a ɔhyehyɛɛ mmarimaa ntoado sukul a wɔtra mu, Presbyterian Mmarimaa Ntoado Sukul, a wɔdze sii hɔ wɔ afe 1938 mu no.  .  Na maame, Anna Alice Meyer, a ɔyɛ ofiehwɛfo na ɔkyerɛkyerɛfo, yɛ Ga-Danish abusua mu,a na wɔfase na Emmanuel Charles Quist (1880 – 1959), mmaranimfo na ɔtemmufo a ɔbɛyɛɛ Afrikani Ɔmampanyin a ɔdze nkan wɔ Mmarahyɛ Bagua no mu firi afe 1949  kɔsi afe 1951, ɔyɛ Ɔman Badwa no Kasafo firi afe 1951 kɔsi afe 1957 na ɔyɛɛ Ghana Ɔman Bagua no Kasafoɔ a ɔdze nkan firi Oforisuo 1957 kɔsi Ɔpɛpɔn 1957.  Jane Clerk agya nana, Alexander Worthy Clerk (1820-1906), Jamaicani Moravia ɔsɛmpatrɛwfo bi duu Denmark Protectorate of Christiansborg (mprempren Osu kurotia) wɔ Accra, wɔ 1843 mu, dɛ mfitiase kuw a na wɔyɛ West India asɛmpatrɛwfo 24 a  ɔyɛɛ adwuma wɔ Basel Asɛmpaka Asɛmpatrɛw Kuw a ɔwɔ Switzerland no akwankyerɛ ase. A.W.  Clerk yɛ ɔkwampaefo wɔ Presbyterian Asɔre a ɛwɔ Ghana no mu na ɔna wɔn hyehyɛɛ mfimfini sukul a wɔdze mmofra kɔ mu, Salem Sukul wɔ afe 1843 mu.  Na n’agya nanabea, Pauline Hesse (1831–1909) fi Gold Coast, na na ofi Denmark, Ga na Germany abusua mu. Na nanabea na Regina Hesse (1832 –1898), ɔkyerɛkyerɛfo a ɔyɛ ɔkwampaefo na sukul panyin.

Na nuabarima panyin, Carl Henry Clerk (1895 –1982), samufo, kuayɛ ho adesua ho ɔbenfo, ɔhwɛfo, nsɛm ho amanneɛbɔfo na Presbyterian somfo yɛɛ Synod Ɔkyerɛwfo a ɔto do annan wɔ Presbyterian Asɔre a ɔwɔ Gold Coast no mu fi 1950 kosi 1954 ne Kristofo Ɔbɔfo no Samufo  atesɛm krataa a ɔbaa afe 1960 ne 1963 ntam. Theodore Clerk (1909 – 1965), na nua kumaa na Ghanani ɔdansifo a ɔdze nkan a ɔyɛɛ nhyehyɛeɛ na ɔnyaa hyɛn gyinabea kuro Tema.  Na nuabea kumaa, Matilda J. Clerk (1916 – 1984) yɛ Ghanani ɔbea aduruyɛ ho ɔbenfo a ɔto do ebien na ɔbea a odze nkan wɔ Ghana na Afrika Atɔe fam a onyaa adesua akyi adansedi krataa.

Owuo

Owui wɔ abɔde mu wɔ afe 1999 mu wɔ Osu, Accra bere a na wadi mfe aduɔkron anum. Wɔsiee n’amu no wɔ Osu.  Amusiei a cwɔ Accra.