Cynthia Lamptey

Fi Wikipedia

Cynthia Lamptey yɛ Ghana mmaranimfoɔ na ɔman adwumayɛfo  Ɔyɛɛ Ɔmanfoɔ Asɛmdifo dohwɛfo wɔ John Dramani Mahama nnisoɔ ase. Wɔyii no na akyir yi wɔpaw no dɛ Ghana Mmaranimfo Titiriw abadiakyiri wɔ afe 2018 mu.  Ɔyɛɛ Ghana Mmaranimfo Titiriw a ɔreyɛ adwuma wɔ ber a saa ber no Mmaranimfo Titiriw, Martin Amidu gyaee adwuma wɔ 16 Ɔberɛfɛw 2020, kɔsii dɛ wɔpaw Kissi Agyebeng wɔ 5 Ɔberɛfɛw 2021.


Adwumayɛ Asetra

Cynthia Lamptey yɛ mmaranimfoɔ wɔ n’adwuma mu na ɔwiee Ghana Mmara Sukul.  Wɔdze no yɛɛ adwuma dɛ ɔman mmaranimfo wɔ Attorney-General's Department wɔ afe 1995 mu na ɔkɔɔ soro wɔ dzebea ahorow no mu kosii dɛ wɔpaw no dɛ Director of Public Prosecutions wɔ John Mahama nniso no mu.  Dɛ́ ɔman no mmaranimfo panyin no, odze asɛm a wɔdze kɔdan aban mpanyimfo pii ho dwuma.  N’asɛm no bi na asɛm a wɔkyerɛ dɛ Ɔman Adwumayɛ Nhyehyɛe no sohwɛfo panyin bi wiaa cedis ɔpepem 86.9 na nsɛmmɔnedifo a wɔde Alfred Agbesi Woyome bɔɔ no. Alfred Woyome a wonim no dɛ ɔyɛ sikasɛm ho ɔbenfoɔ wɔ National Democratic Congress no, Ghana asennibea bi bɔɔ no soboɔ dɛ ɔdze nnaadaa gyee ɔka a ɔyɛ cedis a ɔyɛ ɔpepem 52 atemmuo tia Ghana. Wɔ afe 2014 mu no, wɔdze Ghanafo mmaa mmienu a na wɔadze.dwuma titire wɔ cocaine a wɔde kɔ United Kingdom no kɔɔ asɛnnibea.Ber a ɔdze mfeɛ aduonu som ɔman no akyi no, ɔgyaee dwumadibea no wɔ afe 2015 mu. Wɔdze Yvonne Attakorah Obuobisa sii n’ananmu.


Ghana Mmaranimfo Titiriw Abadiakyiri

Wɔ Ɔpɛpɔn 2018 mu, ber a aban paw Martin Amidu dɛ Ghana Mmaranimfo Titiriw a odze nkan akyi no, Ghana nsɛm ho amanneɛbɔfo fii ase tintim Cynthia Lamptey dzen sɛ n’abadiakyiri. Na Cynthia Lamptey ayɛ adwuma wɔ Martin Amidu ase ber a na nea otwa to no yɛ Mmaranimfo Panyin titiriw wɔ John Atta Mills nniso no mu. Nana Addo Dankwa Akuffo-Addo aban no na ɛhyehyɛɛ Office of the Special Prosecutor wɔ afe 2017 mu a na wɔn botaeɛ na dɛ wɔbɛma kwan ma wɔdze wɔn ho akɔbɔ amammuifoɔ na nnipa a wɔdze wɔn ho abɔ amammui akuo anaa wɔn mufoɔ a wɔbu wɔn dɛ wɔyɛ adifudepɛfo no asɛm.  Wɔ ne din akyi no, wɔpaw no, ɔyɛɛ Mmaranimfo Titiriw abadiakyiri wɔ afe 2018. Afei ɔbɛyɛɛ onipa a odi kan a ɔyɛɛ Mmaranimfo Titiriw abadiakyiri wɔ Ghana  Mprempren ɔyɛ Ghana Mmaranimfo Titiriw a ɔreyɛ adwuma wɔ bere a saa bere no Mmaranimfo Titiriw, Martin Amidu gyaee adwuma wɔ 16 November 2020 akyi.