Kwame Osei Prempeh
Kwame Osei-Prempeh (wɔwoo no 19 Ebɔw 1957) yɛ Ghana ɔmanyɛfo na ɔyɛ Ghana Mantam Mmarahyɛ Bagua a ɔtɔ do enum no muni a ɔgyina Nsuta-Kwamang Beposo ananmu wɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana.
Mfiase Nasetra Na Ahomasua
Wɔwoo Prempeh wɔ Kwamang wɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana. Ɔkɔɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɔhwɛ Nyansahu na Mfiridwuma do na onyaa na Degree wɔ Bachelor of Social Science mu wɔ afe 1982 mu. Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn wɔ afe 1987 mu na osuaa Quantum Chemistry Laboratory, QCL. Ɔsan nso kɔɔ Ghana Mmara sukul na onyaa Degree wɔ Bachelor of Law wɔ afe 1989 mu.
Edwuma
Na Prempeh yɛ Associate for Sarpong Legal Services wɔ Ashanti Mantam -Kumasi.Ɔsan nso yɛ Mmarahyɛ Bagua no muni ma Nsuta-Kwamang Beposo mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana.Ɔbɛyɛɛ GOIL Company Limited no sohwɛfo a ɔhwɛ adwuma do na Kuo no panin wɔ Obiradzi ebaasa, 2019, berɛ a na ɔyɛ adwumakuo no muni firi mfeɛ mmienu a atwam no.
Amanyɔsɛm
Prempeh yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni.[1 Wɔdze nkan paw no dɛ Mmarahyɛ Bagua no mu wɔ December 1996 Ghana amansan abatuw no mu wɔ Ticket of theNew Patriotic Party no do. Ɔtoo aba 12,586 wɔ abatuw 24,444 a ɔfata a wɔtowee a ɔgyina hɔ ma 51.5% tiaa Thomas Fokuo Agyepong a ɔyɛ NDC muni a ɔtoo aba 10,313 a ɔgyina hɔ ma 33.70%. Ɔdze nkonim wɔ afe 2000 Ghana Amansan Abatuw no mu a ɔtoo aba 13,568 wɔ abatuw 21,358 a ɛfata a wɔtowee a ɔgyina hɔ ma 63.50% tiaa Ebenezer A. Frimpong Prempeh na NDC muni, Osei O. Emmanuel yɛ NRP muni, Osei Kwadwo yɛ CPP muni, Salisu Muhammed yɛ PNC muni na Kofi A. Kankam a ɔyɛ UGM muni a ɔtoo aba 6,889, abatuw 304, abatuw 285, abatuw 221, abatuw 91. Ɔtoo aba 15,704 wɔ abatuw 24,344 a ɔfata a wɔtowee a ɔgyina hɔ ma 64.50% tiaa Samuel Otu a ɔyɛ NDC muni, E.O.Adu-Amankwaah a ɔyɛ IND muni na George Osei Owusu Amankwah a ɔyɛ CPP muni a ɔtoo aba 7,769, 547 ne 324.Ɔtoo abatuw 17,403 wɔ abatuw 24,879 a ɔfata a wɔtowee a ɔgyina hɔ ma 69.95% wɔ 2008 Amansan Abatuw no mu. Kwame Asafu-Adjei dze no do nkonim wɔ afe 2012 Amansan Abatuw no mu.
Ankorankoro Asetra
Prempeh awar na ɔwɔ mma baanan. Ɔyɛ Kristoni na ɔyɛ Adventist Asɔre no muni.